Psalms 41

Ɔyarefo mpaebɔ

1Nhyira nka wɔn a ahiafo asɛm yɛ wɔn asɛnhia.
Awurade bɛboa wɔn wɔ wɔn haw mu.
2 Awurade bɛbɔ wɔn ne wɔn nkwa ho ban de wɔn asie.
Ɔbɛma wɔn ahotɔ wɔ asase no so.
Ɔrennyaa wɔn mma wɔn atamfo tumi.
3 Awurade bɛboa wɔn wɔn yare mu na wasa wɔn yare.
4Mekae se, “Mayɛ bɔne atia wo,
Awurade; hu me mmɔbɔ na sa me yare.”
5Mʼatamfo ka atirimmɔdensɛm fa me ho.
Wɔpɛ sɛ miwu na werɛ fi me.
6Wɔn a wobehu me no nyɛ nokwafo.
Wɔboa nsɛm a ennim wɔ me ho no ano na wɔakɔka wɔ mmaa nyinaa.
7Wɔn a wɔtan me no keka me ho asomsɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho.
Wɔbɔ wɔn tirim ka nea ennim fa me ho.
8Wɔka se, “Ne yare no mu yɛ den.
Ɔrensɔre mfi ne mpa so bio.”
9Mpo, me yɔnko pa ara a mede me ho too ne so; nea me ne no too nsa didii, asɔre atia me.
10Hu me mmɔbɔ,
Awurade, na sa me yare, na metua mʼatamfo so ka.
11Wɔrenni me so nkonim na minim sɛ wʼani sɔ me.
12Wobɛboa me efisɛ, meyɛ ade trenee.
Wode me besie wo nkyɛn daa daa.
13Kamfo Awurade,
Israel Nyankopɔn.
Kamfo no nnɛ ne daa nyinaa!
Amen! Amen!
Copyright information for TwiNAK