Psalms 43

Onipa a wɔatwa no asu mpaebɔ

1O Onyankopɔn, bu me bem na gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; gye me fi atorofo ne nnebɔneyɛfo nsam!
2Wone me hwɛfo.
Adɛn nti na woagyaw me?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so hu amane wɔ mʼatamfo atirimmɔden mu?
3Soma wo hann ne wo nokware na enni mʼanim mfa me mmra Sion, wo bepɔw Kronkron no so ne wo fi a wote mu no mu.
4Afei mɛkɔ wʼafɔremuka no anim,
O Onyankopɔn; wo mu na mʼahotɔ fi.
Mɛbɔ me sanku na mato dwom makamfo wo, O Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
5Adɛn nti na me werɛ ahow saa?
Adɛn nti na me ho yeraw me saa?
Mede me ho bɛto Onyankopɔn so, na bio mɛkamfo no, mʼagyenkwa ne me Nyankopɔn.
Copyright information for TwiNAK