Psalms 47

Ɔhene Tumfo

1Nnipa nyinaa, mommɔ mo nsam ahosɛpɛw so!
Monto nnwom dennen nkamfo Onyankopɔn.
2Ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, ɔsorosoroni no.
Ɔyɛ ɔhene kɛse a odi wiase nyinaa so.
3Ɔma yedii nnipa so nkonim.
Ɔma yedii aman so.
4Oyii asase a yɛte so yi maa yɛn.
Ɛyɛ agyapade a ne nkurɔfo a ɔdɔ wɔn de hoahoa wɔn ho.
5Onyankopɔn aforo nʼahengua.
Ahosɛpɛw nteɛteɛm ne torobɛnto nne ba hɔ bere a Awurade rekɔ soro no.
6To ayeyi dwom ma Onyankopɔn.
To ayeyi dwom ma yɛn hene!
7Onyankopɔn yɛ wiase nyinaa hene.
Momfa nnwom nyi nʼayɛ.
8Onyankopɔn tena nʼahengua kronkron no so.
Odi aman so.
9Aman so difo ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ Abraham asefo bɔ gua.
Ne tumi sen asraafo Nyinaa.
Ɔyɛ Otumfoɔ.
Copyright information for TwiNAK