Psalms 76

Nkonimdifo Nyankopɔn

1Wonim Onyankopɔn wɔ Yuda.
Wɔhyɛ ne din anuonyam wɔ Israel.
2Ɔwɔ ofi wɔ Yerusalem; ɔte Sion Bepɔw so.
3Ɛhɔ na obubuu atamfo agyan, wɔn kyɛm, wɔn nkrante ne wɔn akode nyinaa.
4O Onyankopɔn, wʼanuonyam so!
Wufi mmepɔw no a wudii wʼatamfo so no so reba wo tumi so.
5Woagye wɔn asraafo akokoduru no ho nneɛma nyinaa ama wɔada awufo nna.
Wɔn ahoɔden ne wɔn nyansa nyinaa yɛɛ kwa.
6Wobɔɔ wɔn hu no,
O Yakob Nyankopɔn, apɔnkɔ no ne wɔn sotefo nyinaa wuwui.
7Na wo Awurade de, obiara suro wo.
Sɛ wo bo fuw a, obi ntumi nnyina wʼanim.
8Wubu atɛn fi soro; wiase suroe na ɛyɛɛ dinn,
9bere a wosɔre buu atɛn a wode gyee wɔn a wɔhyɛ wɔn so no no.
10Nnipa abufuw de ayeyi a ɛdɔɔso brɛɛ wo.
Wɔn a wɔanwu ɔko no mu no, bɛhyɛ wo fa no nyinaa bi.
11Nea wode ahyɛ Awurade wo Nyankopɔn bɔ no, fa ma no.
Aman a mobɛn nyinaa mommrɛ no akyɛde.
12Onyankopɔn ma nnipa suro no; ɔbrɛ ahenemma ahantanfo ase, na ɔbɔ ahene akɛse hu.
Copyright information for TwiNAK