Psalms 77

Amane mu awerɛkyekyere

1Misu dennen mefrɛ Onyankopɔn; misu dennen na otie me.
2Ɔhaw mu, mebɔ Awurade mpae; anadwo mu nyinaa, mema me nsa so bɔ mpae nanso me werɛ nkyekye.
3Sɛ midwen Onyankopɔn ho a, migu ahome; sɛ midwen komm a, mabasa mu bu.
4Ɔma me si pɛ anadwo nyinaa.
Nsɛm haw me nti, mintumi nkasa.
5Midwen nna a atwam no na mekae nna a atwam dedaw no.
6Anadwo mu no nyinaa midwenee yiye.
Midwenee komm no, asɛm a mibisaa me ho ni,
7“Enti daa Awurade bɛpo yɛn saa?
Afei nʼani rensɔ yɛn bio?
8Wagyae dɔ a ɔdɔ yɛn no?
Na ne bɔhyɛ no, wagyae?
9Onyankopɔn werɛ afi sɛ obehu mmɔbɔ?
Abufuw abesi nʼahummɔbɔ ananmu anaa?”
10Afei mekae se, “Nea ɛhaw me titiriw koraa ne sɛ afei de,
Onyankopɔn nni tumi bio.”
11Mɛkae nneɛma akɛse a woyɛe no,
Awurade; mɛkae anwonwade a woyɛɛ no tete no.
12Medwen nea woayɛ no nyinaa ho.
Medwen wo tumideyɛ no nyinaa ho komm.
13Biribiara a woyɛ no,
O Onyankopɔn, yɛ kronn; onyame bi nso nsen wo.
14Woyɛ Onyankopɔn a woyɛ anwonwade; wokyerɛ wo tumi wɔ aman so.
15Wonam wo tumi so gye wo nkurɔfo a wɔyɛ Yakob ne Yosef asefo no nkwa.
16Bere a ɛpo huu wo no, esuroe,
O Onyankopɔn, na ɛpo mu donkudonku no mpo wosowee.
17Omununkum tɔɔ nsu; aprannaa paapae fii soro na anyinam tetew fii mmeae nyinaa.
18Wʼaprannaa a ɛpaapaee no bobɔe na anyinam a ɛtetewee no maa wiase sɔɔ hann.
Asase wosowee.
19Wonantewee asorɔkye no mu; wutwaa ɛpo a ɛmu dɔ no, nanso wɔanhu wʼanammɔn.
20Wudii wo nkurɔfo anim sɛ oguanhwɛfo a, na Mose ne Aaron na na wɔka wɔn ho.
Copyright information for TwiNAK