Psalms 79

Ɔmannyina mpaebɔ

1O Onyankopɔn, abosonsomfo akyɛ wʼasase afa.
Wɔagu wo fi kronkron no ho fi ama Yerusalem adan amamfo.
2Wogyaw wo nkurɔfo amu maa apete; wo nkoa amu, wogyaw maa wuram mmoa sɛ wɔnwe.
3Wohwiee wo nkurɔfo mogya gui sɛ nsu.
Mogya hwie gui sɛ nsu wɔ Yerusalem na obi anka a obesie awufo no.
4Aman a atwa yɛn ho ahyia no kasa tia yɛn; wɔserew yɛn, di yɛn ho fɛw.
5 Awurade, wo bo befuw yɛn akosi daa daa?
Wʼabufuw bɛkɔ so adɛw sɛ ogya?
6Dan wʼabufuw kyerɛ aman a wɔnsom wo no ne wɔn a wɔmmɔ wo mpae no so.
7Efisɛ, wɔn na wɔakum wo nkurɔfo.
Wɔn na wɔama wo man adan amamfo.
8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe ntwe yɛn.
Hu yɛn mmɔbɔ mprempren.
Yɛn anidaso nyinaa asa.
9Boa yɛn,
O Awurade, na gye yɛn nkwa.
Gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wɔ wʼanuonyam no nti.
10Adɛn nti na ɛsɛ sɛ aman bisa yɛn se, “Mo Nyankopɔn wɔ he?” Ma yenhu sɛ woatwe aman a wohwiee wʼasomfo mogya gui no aso.
11Tie pene a nneduafo pene.
Fa wo tumi kɛse no so gye wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
12Awurade, tua aman a aka no so ka mpɛn ason wɔ kasatia a wɔakasa atia wo no so.
13Na yɛn a yɛyɛ wo manfo a yɛyɛ wo nguan nso no, bɛda wo ase, akamfo wo daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK