Psalms 86

Mmoa mpaebɔ

1Tie me,
Awurade, na gye me so efisɛ, minni ɔboafo na meyɛ mmerɛw.
2Gye me fi owu mu efisɛ, migye wo di.
Gye me nkwa efisɛ, meyɛ ɔsomfo na mewɔ wo mu gyidi.
3Woyɛ me Nyankopɔn, enti hu me mmɔbɔ.
Mebɔ wo mpae daa nyinaa.
4Ma wo somfo ani nnye,
O Awurade, efisɛ me mpaebɔ kɔ wo nkyɛn.
5Woyɛ yɛn adɔe na wode yɛn bɔne kyɛ, na wɔn a wɔbɔ wo mpae no nso, woma wɔn ɔdɔ a ɛnsa da.
6 Awurade, tie me mpaebɔ; tie me sufrɛ na boa me.
7Mefrɛ wo hiada mu efisɛ, wugye me mpaebɔ so.
8Onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo,
O Awurade, obiara ntumi nyɛɛ nea woayɛ.
9Aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛkotow wo; wɔbɛkamfo wo kɛseyɛ.
10Woyɛ otumfoɔ a woyɛ nneɛma akɛse.
Wo nko ne Onyankopɔn.
11 Awurade, kyerɛ me nea wopɛ sɛ meyɛ na medi so nkoware mu.
Kyerɛ me na memfa mʼadagyew nsom wo.
12Mede me koma nyinaa bɛkamfo wo,
O Awurade me Nyankopɔn.
Mɛda wo kɛseyɛ no adi daa daa.
13Dɔ a wodɔ me daa no so.
Woagye me afi damoa ankasa mu.
14Ahantanfo reba abɛyɛ me dɔm,
O Onyankopɔn; atirimɔdenfo kuw pɛ sɛ wokum me; wɔn a wommu wo no.
15Nanso wo,
O Awurade, yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdɔ Nyankopɔn.
Daa, wowɔ boasetɔ wɔ ayamye, na woyɛ ɔnokwafo nso.
16Dan wʼani bra me so na hu me mmɔbɔ.
Hyɛ me den na gye me nkwa, efisɛ, mesom wo sɛnea me na yɛe no.
17Da papa a wuyi no adi kyerɛ me,
Awurade; wɔn a wɔtan me no, sɛ wohu sɛ wokyekye me werɛ boa me a, wɔn ani bewu.
Copyright information for TwiNAK