Psalms 88

Osufrɛ

1 Awurade Nyankopɔn, mʼagyenkwa, misu da mu no nyinaa, na anadwo nso meba wʼanim.
2Tie me mpaebɔ na tie me sufrɛ na boa me.
3Ɔhaw bebree ato me a mereyɛ awu.
4Mete sɛ afoforo a wɔreyɛ awu no.
Mʼahoɔden nyinaa asa.
5Wɔagyaa me ama awufo.
Mete sɛ obi a wɔakum no na ɔda damoa mu; mete sɛ wɔn a wɔn werɛ afi wɔn koraa a woboa wɔn a ɛnyɛ ye no.
6Woatow me akyene damoa ase ne amoa donkudonku a esum wɔ mu mu.
7Wʼabufuw wɔ me so denneenen, na abufuw no asorɔkye aka me ahyɛ nʼase ayam me.
8Woama mʼafɛfo apa me na woama me nso makyi wɔn.
Maka mfinimfini na mintumi nguan.
9Mʼaniwa yɛ mmerɛw ma amanehunu.
Awurade, da biara mefrɛ wo na mema me nsa so bɔ wo mpae.
10Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo?
Wɔsɔre kamfo wo?
11Wɔka wo dɔ a ɛnsa da no ho asɛm wɔ damoa mu, anaa wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom?
12Wohu wʼanwonwade no wɔ sum kurom, anaa wo papayɛ no wɔ awerɛfiri asase so?
13 Awurade, mefrɛ wo sɛ boa me; anɔpa biara mebɔ wo mpae.
14Adɛn nti na wopo me,
Awurade?
Adɛn nti na woayi wʼani afi me so?
15Mahu amane fi me mmofraase na mebɛn owu.
Wʼasotwe ama makisa.
16Wʼabufuwhyew bubu me.
Ɔtaa a wotaa me no sɛe me.
17Daa nyinaa, wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri.
Wofi afanan nyinaa ka me hyɛ.
18Woama me nnamfobrɛbo apa me, na esum nko na abɛyɛ me hokafo.
Copyright information for TwiNAK