Psalms 98

Onyankopɔn, wiase Hene

1Monto dwom foforo mma Awurade.
Wayɛ anwonwade bebree!
Ɔnam ne tumi ne nʼahoɔden kronkron so adi nkonim.
2 Awurade bɔɔ ne nkonimdi ho nkae; ɔdaa tumi a ɔnam so gye nkwa no adi kyerɛɛ aman.
3Odii bɔ a ɔhyɛɛ Israelfo no so wɔ ne nokware ne ɔdɔ a ɔdɔɔ wɔn daa no mu.
Nnipa a wɔwɔ baabiara ahu yɛn Nyankopɔn nkonimdi.
4To dwom a ɛma ahosɛpɛw ma Awurade, mo asase nyinaa, momfa nnwom ne ahosɛpɛw nteɛteɛm nkamfo no.
5Monto ayeyi nnwom mma Awurade!
Mommɔ nnwom wɔ nsanku so!
6Mommɔ ntorobɛnto ne mmɛn na monteɛm ahosɛpɛw so mma Awurade, yɛn hene.
7Ɛpo ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne biribiara a ɛwɔ so, monto nnwom.
8Nsu, mommɔ mo nsam; mmepɔw, mommom nto dwom ahosɛpɛw so wɔ Awurade anim,
9efisɛ, ɔrebedi asase so.
Obedi wiasefo so nokwarem.
Copyright information for TwiNAK