Revelation of John 12

Ɔbea no ne ɔtweaseɛ no

1Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. 2Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti, na ɔresu.

3Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ soro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. 4Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ soro no mu nkyɛm abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe. 5Afei ɔbea no woo abarimaa a, ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho. 6Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

7Afei ɔko sii soro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae. 8Nanso wodii ɔwɔ no so na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena soro bio. 9Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyeneee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a, ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow no guu fam a nʼabɔfo nyinaa ka ne ho.

10Afei metee nne dennen bi wɔ soro a ɛka se, “Afei na Onyankopɔn nkwagye aba! Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei na Mesia akyerɛ ne tumi, efisɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anodwo no, na wɔapam no afi soro no. 11Yɛn nuanom no nam Oguammaa no mogya so ne nokware a ɔdaa no adi so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu. 12Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei asase ne ɛpo nnue! Efisɛ, ɔbonsam no atoa mo na ne bo afuw efisɛ, onim sɛ, ne bere a aka sua.”

13Bere a ɔwɔ no hui sɛ wɔatow no agu asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. 14Wɔmaa no akɔre ntaban akɛse abien sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ baabi a ɔwɔ wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio.

15Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛfa no. 16Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa. 17Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔe de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka no a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. Na ɔkogyinaa mpoano hɔ.

Copyright information for TwiNAK