Revelation of John 14

Dwom foforo

1Afei mehwɛe na mihui sɛ Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so. Na nnipa ɔpeha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼagya din wɔ wɔn moma so. 2Na metee nne bi fi soro a na ɛworo so te sɛ nsuworoee a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so. 3Na nnipa ɔpeha aduanan anan no ani kyerɛ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no. Wɔtoo dwom foforo bi a gye wɔn a wɔagye wɔn a wɔafi asase so no nko ara na wotumi suae. 4Wɔyɛ mmarima bi a esiane sɛ wɔne mmea nna no nti, wɔn ho atew. Baabiara a Oguammaa no bɛkɔ no, na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu, na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguammaa no. 5Wɔnka atorosɛm, na mfomso nni wɔn ho.

Abɔfo baasa no

6Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam soro soro a ɔrekɔka Asɛmpa a entwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho.

7Ɔteɛɛm se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ, bere no adu sɛ obu adasamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ soro, asase, ɛpo ne nsuti no!”

8Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se, “Wahwe ase! Babilon kɛse ahwe ase! Ɔde ne nsa a ɛmaa nnipa nyinaa bɔɔ aguaman no ma wɔnomee.”

9Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi teɛɛm kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae 10no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyeraw wɔ ogya ne sɔfre mu wɔ abɔfo ne Oguammaa no anim. 11Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔɔ soro daa daa. Awia ne anadwo nyinaa, ogye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” 12Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.

13Afei metee nne bi fi soro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se, Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” 14Mihuu omununkum fitaa bi a na abɔde bi a na ɔte so no te sɛ onipa a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okita kantankrankyi nnamnnam bi.

15Afei ɔbɔfo foforo bi fii asɔredan no mu puei, teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa efisɛ, otwa bere no adu; asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!” 16Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so ma etwaa asase so nnɔbae.

17Afei mihuu ɔbɔfo foforo bi a ofi soro asɔredan mu apue a ɔno nso kita kantankrankyi nnamnnam bi.

18Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya so fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ ɔbɔfo a okita kankankrankyi nnamnnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no asiaw aisaw efisɛ, nʼaba no abere.” 19Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. 20Na wotiatiaa nsakyiamoa no so kurotia na mogya fii nsakyiamoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho teɛe akwansin apem ahansia.

Copyright information for TwiNAK