Romans 12

Okristoni abrabɔ

1Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ musom. 2Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani, ne nea ewie pɛyɛ.

3Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka mekyerɛ mo nyinaa se, munnnwen mo ho mma ɛmmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ mudwen, na mmom munnwen ahobrɛase mu na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so mmu ne ho atɛn. 4Yɛwɔ akwaa bebree wɔ nnipa dua baako ho. Saa akwaa yi biara wɔ dwuma a edi. 5Saa ara na ɛte. Ɛwom sɛ yɛdɔɔso de nanso yɛyɛ honam koro a yɛne Kristo ayɛ baako na yɛn nyinaa keka yɛn ho bobom sɛ nipadua baako ho akwaa.

6Enti ɛsɛ sɛ yɛnam adom a Onyankopɔn de adom yɛn no so de yɛn akyɛde ahorow no di dwuma. Sɛ yɛn adom no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛnam gyidi a yɛwɔ no so di saa dwuma no. 7Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ɛsɛ sɛ yɛsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ. 8Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea obiara wɔ a ɛsɛ sɛ ɔma afoforo nya bi no ɛsɛ sɛ ofi koma pa mu yɛ saa; obiara a ɔwɔ tumi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsi; obiara a ɔyɛ ayamye ma afoforo no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no anigye so.

9Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Munso ade pa yɛ mu. 10Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu na munni mo ho mo ho ni. 11Monyɛ nsi na monnyɛ anihaw. Momfa koma pa nsom Awurade.

12Momma mo anidaso nkanyan mo. Amane mu monyɛ komm na bere biara mu mommɔ mpae. 13Momma mo nuanom ahiafo mo ahode a mowɔ no bi na munnye ahɔho wɔ mo afi mu.

14Monsrɛ Onyankopɔn na onhyira wɔn a wɔtaa mo no; yiw, monsrɛ no na onhyira wɔn na monnsrɛ no mma ɔnnnome wɔn. 15Mo ne anigyefo ani nnye na mo ne awerɛhowfo werɛ nhow. 16Munhu mma mo ho mo ho. Monnyɛ ahantan. Afei mommpɛ animhwɛ wɔ nnipa atitiriw mu na mmom momfa mo ho mfra mpapahwekwa. Munnnwen sɛ moyɛ anyansafo.

17Sɛ obi yɛ mo bɔne a, mommfa bɔne nntua no so ka. Nea nnipa nyinaa susuw sɛ eye no, ɛno na monyɛ. 18Biribiara a mugye di sɛ moyɛ a ɛbɛma mo ne nnipa nyinaa atena ase asomdwoe mu no, ɛno na monyɛ.

19Me nnamfonom, munntua bɔne so ka. Na mmom momma Onyankopɔn abufuw nyɛ saa. Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Metua bɔne so ka, metua ka, Awurade na ose.” 20Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni. Sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansrama ano gu nʼatifi.” 21Mommma bɔne nnni mo so. Mmom, momma papa nni mo so.

Copyright information for TwiNAK