Romans 4

Abraham nhwɛso

1Dɛn na yɛbɛka afa yɛn agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae? 2Sɛ ɔnam nneɛma a ɔyɛe so nyaa Onyankopɔn anim anuonyam a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 3Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”

4Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wobu nʼakatua no sɛ akyɛde na mmom ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. 5Nanso onipa a ɔwɔ gyidi na ɔnyɛ nnwuma, na ogye Onyankopɔn di, bu wɔn a wodi fɔ bem no, ne gyidi na Onyankopɔn gyina so hwɛ ho ma ɔfata nʼanim.

6Sɛ Dawid kaa onipa bi a Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni a nnwuma nka ho a, na ɔkyerɛ sɛ,

7“Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn, na wɔn na wɔakata wɔn bɔne so. 8Nhyira nka onipa a Awurade nkae ne bɔne!”

9Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no. Efisɛ, yɛakan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.”

10Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii.

11Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a nso wontwaa wɔn twetia. 12Afei, ɔsan yɛ twetiatwafo no agya a ɛnyɛ sɛ wɔatwitwa twetia kɛkɛ na mmom, wɔn nyinaa tenaa gyidi mu wɔ wɔn abrabɔ mu sɛ wɔn agya Abraham ansa na wɔretwa no twetia no.

13Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ ɔde wiase nyinaa bɛma wɔn. Ɛnyɛ sɛ odi a Abraham di Mmara no so nti na ɔhyɛɛ no saa bɔ no, na mmom esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. 14Na sɛ nea Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no, ɔde ma wɔn a wodi Mmara no so a, ɛnne na onipa gyidi nka hwee na Onyankopɔn bɔhyɛ no yɛ ohunu. 15Mmara no de Onyankopɔn abufuw ba; na sɛ Mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.

16Wɔnam gyidi so na ɛhyɛɛ saa bɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ Mmara no mu den sɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde maa Abraham asefo a ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Mmara no so nko, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham no, efisɛ, Abraham yɛ yɛn nyinaa honhom mu agya; 17sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayɛ wo aman bebree so agya no.” Enti na bɔhyɛ no teɛ wɔ Onyankopɔn a na Abraham gye no di a, na onyan awufo ba nkwa mu, na ɔhyɛ ma nea enni hɔ ba no ani so.

18Abraham gye dii na onyaa anidaso bere a na anidaso nni hɔ enti ɔbɛyɛɛ “aman bebree so agya”, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Wʼasefo bɛdɔɔso no” no. 19Na ɔreyɛ adi mfe ɔha a ɔdwene ne nipadua a ɛreyɛ awu anaa Sara a na ontumi nwo mma no ho no a, na enhinhim ne gyidi koraa.

20Wampa ne gyidi na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ne gyidi maa no tumi na ɔkamfoo Onyankopɔn. 21Na ogye di yiye sɛ Onyankopɔn betumi adi ɛbɔ a wahyɛ no no so. 22Ɛno nti na Abraham nam gyidi so maa “Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”

23Wɔankyerɛw nsɛm, “Wogyee no sɛ ɔtreneeni” no amma ɔno nkutoo. 24Wɔkyerɛw maa yɛn nso a ɛsɛ sɛ wogye yɛn sɛ atreneefo a yɛwɔ gyidi wɔ nea onyanee yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no mu nso. 25Esiane yɛn bɔne nti, wɔde no maa yɛn sɛ ommewu na wonyanee no baa nkwa mu sɛ ommesiesie yɛne Onyankopɔn ntam.

Copyright information for TwiNAK