Romans 9

Onyankopɔn ne ne manfo

1Mereka nokware sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro. 2Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo.

3Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho. 4Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn hyɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5Wɔyɛ tete agyanom asefo na esiane sɛ Kristo bae onipasu so nti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen.

6Menka se Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ, ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo. 7Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo manfo befi Isak ase.” 8Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.

9Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.

10Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fi agya koro a ɔne yɛn agya Isak. 11Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti, 12ɔka kyerɛɛ Rebeka se, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so, 13sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.

14Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo anaa? Dabida! 15Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Nea mepɛ no no na mʼahummɔbɔ bɛkɔ ne so.” 16Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahummɔbɔ no nnyina ɔpɛ a obi pɛ sɛ onya anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so.

17Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.” 18Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ den wɔ ne so no nso, ɔyɛ saa. 19Afei, mo mu baako bebisa me se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn benya nnipa ho mfomso? Hena na obetumi asiw Onyankopɔn kwan nʼapɛde ho?”

20Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwenee me sɛɛ?” 21Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde ɔbo no nwene nea ɔpɛ biara. Otumi nwene nkuku abien fi ɔbo tɔw mu, na ɔde mu baaka adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara. 22Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛ sɛ ɔda nʼabufuw ne ne tumi adi. Enti ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔrebɛsɛe wɔn wɔ nʼabufuw mu no. 23Na ɔnam nʼahummɔbɔ so pɛe sɛ yenya nʼanuonyam kɛse a wɔasiesie ama wɔn a wɔyɛ ne de no. 24Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko na mmom, Amanamanmufo nso.

25Wɔka wɔ Hosea nwoma mu se, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no me man, ne ɔman a mannɔ no no me dɔfo. 26Na beae koro no ara a ɔkae se, ‘Monyɛ me man’ no, ɛhɔ ara na ɔbɛfrɛ wɔn se Onyankopɔn teasefo no mma.”

27Na Yesaia dii Israelfo ho yaw se, “Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nhwea mpo a, wɔn mu kakraa bi na wɔbegye wɔn nkwa. 28Efisɛ, Awurade bebu ntɛn asase so de awie biribiara.”

29Sɛnea Yesaia kae se, “Sɛ Awurade tumfoɔ no annyaw yɛn akyifo bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadan sɛ Gomora”.

30Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka se Amanamanmufo a wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛta Onyankopɔn no nam gyidi so ma wɔfataa Onyankopɔn anim, 31wɔ bere a wɔn a wɔayi wɔn no pɛe sɛ wɔnam mmara bi so fata Onyankopɔn anim no, wɔantumi. 32Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ nea wɔyɛe no mfi gyidi mu na mmom efi nnwuma mu. Wohintiwii “hintibo” 33a Kyerɛwsɛm no ka fa ho se, “Mede hintibo ne amanehunubo a ɛbɛma nnipa ahwe ase reto Sion na obiara a obegye no adi no, anim rengu ase da.”

Copyright information for TwiNAK