Titus 2

Nkyerɛkyerɛ pa

1Nkyerɛkyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ biara no, ɛsɛ sɛ efi ɔkyerɛ pa mu. 2Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ho nwo, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.

3Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, 4sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, 5ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

6Saa ara na hyɛ mmerante na wonya ahohyɛso. 7Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma pa yɛ mu. Di nokware na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. 8Ka nsɛm a ɛho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

9Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom na ade nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano 10anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, bere nyinaa mu, ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa na wodi nokware na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.

11Onyankopɔn ada nʼadom a egye nnipa nyinaa nkwa no adi. 12Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronnyɛ, onyamesuro mu wɔ wiase ha, 13bere a yɛretwɛn adom da a yɛn ani da so a yɛn tumfo Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo no anuonyam bɛda adi no. 14Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu ama yɛayɛ kronn a yɛyɛ ne nko de a yɛpɛ papayɛ.

15Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmnu wo abomfiaa.

Copyright information for TwiNAK