‏ Ezra 2

1Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,
Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no.
Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:
3
In order to format the table contained in this verse correctly, it has been necessary to move the content of verse(s) 4-35 into it.
Dodow a wɔyɛ
   Paros asefo 2,172
(4) Sefatia asefo 372
(5) Arah asefo 775
(6) Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812
(7) Elam asefo 1,254
(8) Satu asefo 945
(9) Sakai asefo dodow yɛ 760
(10) Bani asefo dodow yɛ 642
(11) Bebai asefo dodow yɛ 623
(12) Asgad asefo dodow yɛ 1,222
(13) Adonikam asefo dodow yɛ 666
(14) Bigwai asefo dodow yɛ 2,056
(15) Adin asefo dodow yɛ 454
(16) Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98
(17) Besai asefo dodow yɛ 323
(18) Yora asefo dodow yɛ 112
(19) Hasum asefo dodow yɛ 223
(20) Gibar asefo dodow yɛ 95
(21) Betlehemfo dodow yɛ 123
(22) Netofafo dodow yɛ 56
(23) Anatotfo dodow yɛ 128
(24) Asmawetfo dodow yɛ 42
(25) Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743
(26) Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621
(27) Mikmasfo dodow yɛ 122
(28) Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223
(29) Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52
(30) Magbis ɔman dodow yɛ 156
(31) Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254
(32) Harim ɔmanmma dodow yɛ 320
(33) Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725
(34) Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345
(35) Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630

4 5 6 7 8 9 10 11 12 13 14 15 16 17 18 19 20 21 22 23 24 25 26 27 28 29 30 31 32 33 34 35
36
In order to format the table contained in this verse correctly, it has been necessary to move the content of verse(s) 37-39 into it.
Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973
(37) Imer asefo dodow yɛ 1,052
(38) Pashur asefo dodow yɛ 1,247
(39) Harim asefo dodow yɛ 1,017

37 38 39
40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ     74

41Nnwontofo:

Asaf
Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so.
asefo mu nnwontofo dodow yɛ    
128

42Aponanohwɛfo:
Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

Salum, Ater, Talmon asefo
Akub, Hatita ne Sobai asefo     139

43
In order to format the table contained in this verse correctly, it has been necessary to move the content of verse(s) 44-54 into it.
Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:
Siha, Hasufa, Tabaot,
(44) Keros, Siaha, Padon,
(45) Lebana, Hagaba, Akub,
(46) Hagab, Samlai, Hanan,
(47) Gidel, Gahar, Reaia,
(48) Resin, Nekoda, Gasam,
(49) Usa, Paseah, Besai,
(50) Asna, Meunim, Nefisi,
(51) Bakbuk, Hakufa, Harhur,
(52) Baslut, Mehida, Harsa,
(53) Barkos, Sisera, Tema,
(54) Nesia ne Hatifa.

44 45 46 47 48 49 50 51 52 53 54
55
In order to format the table contained in this verse correctly, it has been necessary to move the content of verse(s) 56-58 into it.
Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:
Sotai, Hasoferet, Peruda,
(56) Yaala, Darkon, Gidel,
(57) Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
(58) Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362

56 57 58 59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.
Saa nnipakuw yi ne:
60
Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652

61Asɔfo mmusua abiɛsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo
Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase.
ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.
66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.

68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.

70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
Copyright information for TwiAKNA