‏ Joshua 12

Ahemfo A Wodii Wɔn So Wɔ Yordan Apuei Fam

1Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

2Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.
Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
3Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
4Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
5Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.

Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So

7Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, 8a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)

Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9
In order to format the table contained in this verse correctly, it has been necessary to move the content of verse(s) 10-24 into it.

Yerikohene baako
Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako
(10) Yerusalemhene baako
Hebronhene baako
(11) Yarmuthene baako
Lakishene baako
(12) Eglonhene baako
Geserhene baako
(13) Debirhene baako
Gaderhene baako
(14) Hormahene baako
Aradhene baako
(15) Libnahene baako
Adulamhene baako
(16) Makedahene baako
Bet-Elhene baako
(17) Tapuahene baako
Heferhene baako
(18) Afekhene baako
Lasaronhene baako
(19) Madonhene baako
Hasorhene baako
(20) Simronhene baako
Aksafhene baako
(21) Taanakhene baako
Megidohene baako
(22) Kedeshene baako
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako
(23) Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako
amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako
(24) Tirsahene baako
  Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.

10 11 12 13 14 15 16 17 18 19 20 21 22 23 24
Copyright information for TwiAKNA