Psalms 120
Ɔsoroforo dwom. 1Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,na ogye me so.
2 Awurade, gye me fi atoro ano,
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
3Dɛn na ɔbɛyɛ wo,
na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?
4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam
ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.
5Nnome nka me sɛ metena Mesek,
na mete Kedar ntamadan mu!
6Matena wɔn a wokyi asomdwoe
mu akyɛ dodo.
7Meyɛ asomdwoe nipa;
nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.
Copyright information for
TwiAKNA