Psalms 131
Ɔsoroforo dwom. Dawid de. 1Awurade, ahomaso nni me koma mu,na mʼani ntraa me ntɔn ɛ;
memma nsɛm akɛse nhaw me
anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me.
2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam
te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no,
te sɛ akokoaa a otua nufu ano no,
saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.
3Israel, ma wʼani nna Awurade so,
mprempren ne daa nyinaa.
Copyright information for
TwiAKNA