2 Chronicles 26:16-21

16Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so. 17Ɔsɔfopanyin Asaria ne Awurade asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no. 18Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”

19Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ Awurade na na wabɔ no. 21Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.
Copyright information for TwiAKNA