Exodus 30:22-33
22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23“Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa. 24Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan. 25Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho. 26Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka, 27ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no, 28ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so. 29Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew. 30“Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me. 31Na monka nkyerɛ Israelfo se, ‘Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no. 32Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’ ”
Copyright information for
TwiAKNA