Leviticus 7:11-16

11“ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:

12“ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho. 13Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho. 14Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no. 15Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so.

16“ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we.
Copyright information for TwiAKNA