2 Corinthians 4

Honhom mu agyapade a ɛwɔ nkuku mu

1Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti, ɛmma yɛn koma ntu. 2Yɛagyae kokoamusɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae nni. Yegyae saa aniwudesɛm no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di.

3Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera. 4Wonnye nni, efisɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛtow gu wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. 5Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo. 6Onyankopɔn a ɔkae se, “Esum mu na hann fi ba” no, yɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔma ne hann hyerɛn wɔ yɛn koma mu na ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ a ɛhran wɔ Kristo anim no.

7Nanso yɛn a yɛwɔ saa honhom mu agyapade yi te sɛ nkuku na ɛnam so da no adi sɛ tumi kɛse no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. 8Wɔtaa haw yɛn nanso wɔnyam yɛn; ɛtɔ da bi a, yɛn adwene nsi yɛn pi nanso yɛmpa abaw; 9atamfo dɔɔso nanso yɛwɔ adamfo, na ɛtɔ da bi a, wopira yɛn, nanso ɛnsɛe yɛn. 10Mmere nyinaa yɛn nnipa dua no soa Yesu wu a owui no sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.

11Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu. 12Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.

13Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ, na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ, yegye di. 14Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim. 15Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.

16Esiane eyi nti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara da. 17Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. 18Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so na mmom nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ nanso nea yentumi nhu no tena hɔ daa.

Copyright information for TwiNAK