James 4

Brɛ wo ho ase ma Onyankopɔn

1Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. 2Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneenen repɛ nneɛma bi nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Nea morehwehwɛ no, mo nsa renka efisɛ, mummisa Onyankopɔn. 3Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ, mowɔ adwemmɔne. Mubisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔde.

4Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no dan Onyankopɔn tamfo. 5Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa? 6Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”

7Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. 8Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo nyaatwomfo! 9Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan su, na mo anigye nnan awerɛhow. 10Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmu ne kɔkɔbɔ

11Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a odi ne nua ho nseku anaa obu ne nua atɛn no, di Mmara no ho nseku. Na sɛ wubu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei de wunni Mmara no so na mmom wubu no atɛn. 12Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa ne kɔkɔbɔ

13Mo a moka se, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma apɛ sika” no, muntie me. 14Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huruhuro a ɛba mmere tiaa bi na ayera. 15Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” 16Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.

17Enti nea onim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Copyright information for TwiNAK