Matthew 4

Ɔbonsam sɔ Yesu hwɛ

1Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2Saa bere no, Yesu dii mmuada adaduanan, awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. 3Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

4Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom nea ehia titiriw ne sɛ, obedi Onyankopɔn asɛm so.’ ”

5Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, 6na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyinae hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw sɛ, ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛsɔw wo na woammɛhwe abotan so.’ ”

7Yesu buae bio se, “Wɔakyerɛw bio sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”

8Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi mpampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne emu anuonyam nyinaa. 9Afei ɔka kyerɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”

10Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Kotow som Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

11Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi, abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Yesu fiti nʼadwuma ase wɔ Galilea

12Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, otwaam wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. 14Eyi maa nea odiyifo Elia kae se, 15“Sebulon asase ne Naftali asase, ɔkwan a ɛkɔ po mu, Yordan agya, amanaman Galilea, 16nnipa a wɔtenaa sum mu no, Hann kɛse bi apue ama wɔn. Wɔtenaa owu asase so maa Hann no pue maa wɔn wɔ hɔ” no baa mu. 17Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo su, momfa mo ho mma Onyankopɔn, na ɔsoro ahenni no abɛn.”

Yesu frɛ asuafo baanan

18Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apofofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon, a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.

19Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a wɔfa so yi nnipa kra.” 20Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ bedii nʼakyi ne no kɔe.

21Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wommedi nʼakyi. 22Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ, bedii nʼakyi.

Galilea asɛnka ne ayaresa

23Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui, ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 25Anwonwade a Yesu yɛe yi, maa nnipakuw a wofi Galilea ne Nkurow Du “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

Copyright information for TwiNAK