Philemon

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti, ɔyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn. Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon 2ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no.

3Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no, mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase. 5Mete dɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. 6Me mpaebɔ ne sɛ, baako a yɛne wo ayɛ sɛ gyidifo no bɛma yɛn ntease a emu dɔ wɔ nhyira biara a yenya fi Kristo mu no mu. 7Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.

8Eyi nti, mitumi de akokoduru kasa kyerɛ wo sɛ wo nua wɔ Kristo mu, hyɛ wo ma woyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. 9Ɔdɔ so na menam de saa asɛm yi to wʼanim. Ɛwom sɛ me Paulo a meyɛ Kristo Yesu nanmusini na mprempren, ne nti meyɛ odeduani no, na meyɛ nea mereyɛ yi. 10Enti migyina Onesimo a ɔyɛ me ba wɔ Kristo mu ananmu bisa, efisɛ, bere a meda afiase no, na ɔyɛ me ba honhom mu. 11Bere bi a atwam no na ne ho nni mfaso ma wo nanso mprempren de, ne ho wɔ mfaso ma me ne wo. 12Merema no asan nʼakyi aba wo nkyɛn mprempren ara. Me koma ka ba a ɔreba no ho.

13Esiane Asɛmpa no nti, mepɛ sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼananmu aboa me. 14Nanso mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wufi wo pɛ mu boa me. Ɛno nti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.

15Ebia na Onesimo twee ne ho kakra na akyiri yi wabedi nna wo nkyɛn. 16Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ, ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.

17Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo fafafo a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛnea wubegye me no ara. 18Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, dan ma me. 19Ɛha de, me ara mede me nsa bɛhyɛ ase sɛ: Me Paulo, metua wo ka. Ɛnsɛ sɛ mekae wo sɛ wo nkwa gyina me so. 20Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu.

21Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.

22Afei pɛ ɔdan ma me efisɛ, minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.

23Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.

24Saa ara nso na Marko, Aristako, Dema ne Luka nso kyia wo.

25Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

Copyright information for TwiNAK