Psalms 17

Ɔtreneeni mpaebɔ

1O Awurade, tie me sufrɛ na bu atɛn; tie me su na boa me!
Tie me mpaebɔ a efi adwene pa mu no.
2Wubebu me bem efisɛ, wunim ade trenee.
3Wunim me koma mu.
Woaba me nkyɛn anadwo; woahwehwɛ me mu nyinaa na woahu sɛ bɔnepɛ biara nni me mu.
4Menka bɔne sɛnea afoforo yɛ no.
Madi wo mmara so na mapae afi basabasayɛ kwan so.
5Menam wo kwan so daa, na mentoo kwan.
6Mebɔ mpae,
O Onyankopɔn efisɛ, wugye me so; enti dan wʼani kyerɛ me, na tie me nsɛm.
7Da wo dɔ nwonwaso no adi na gye yɛn nkwa; wo nkyɛn mu de, atamfo rentumi nyɛ yɛn hwee.
Bɔ me ho ban sɛnea wobɔ wʼani ho ban.
8Fa me hyɛ wo ntaban nwini no ase fi amumɔyɛfo nsam.
9Mʼatamfo atwa me ho ahyia a awudi wɔ wɔn aniwa mu.
10Wonni ahummɔbɔ, na wɔkasa ahantan so.
11Baabiara a mɛfa no, wɔka me ho pɛ sɛ wotwa me hwe fam.
12Wɔte sɛ agyata a wɔretwɛn me atetew me mu asinasin.
13Bra,
Awurade!
Wo ne mʼatamfo nni asi na di wɔn so!
Fa wo nkrante no gye me fi nnebɔneyɛfo nsam.
14Gye me fi wɔn a wɔanya nea wɔrehwehwɛ wɔ wiase yi mu nyinaa no nsam.
Fa asotwe a woakora ama wɔn no twe wɔn aso.
Ma ebi nka mma wɔn mma ne wɔn mma mma!
15Nanso mehu wo efisɛ, menyɛɛ bɔne biara; na sɛ minyan a, hu a mihu wo no ma me anigye.
Copyright information for TwiNAK