Psalms 19

Onyankopɔn anuonyam wɔ abɔde mu

1Ewim da Onyankopɔn anuonyam adi!
Ɛkyerɛ nea wayɛ mu pefee!
2Ɛda biara ka kyerɛ da a edi so; saa ara na anadwo biara nso yɛ.
3Ɔkasa nni mu, na wɔnte nne nso,
4nanso wɔn nne kɔ wiase mmaa nyinaa ma wɔte wɔ asase ano nyinaa.
Onyankopɔn bɔɔ atenae wɔ wim maa owia;
5epue anɔpa ahotɔ mu sɛ ayeforokunu; te sɛ mmirikatufo a ne ho pere no sɛ osi mmirikakane.
6Ofiti ase wɔ wim ano baabi twa mu kɔ fa.
Biribiara rentumi nhintaw ne ho mfi ne hyew no ase.
7 Awurade mmara yɛ pɛ; ɛma ahoɔden foforo.
Awurade nsɛm hyɛ ma; ɛma wɔn a wonni nyansa no nyansa.
8 Awurade mmara yɛ trenee; wɔn a wodi so no ho tɔ wɔn.
Awurade nsɛm no yɛ trenee; ɛma adwene ne ntease.
9Ɔsom a wɔsom Awurade ye; ɛbɛkɔ so daa daa.
Awurade atemmu yɛ trenee; ne nyinaa yɛ pɛ.
10Ɛho hia sen sikakɔkɔɔ amapa; ɛyɛ dɛ sen ɛwo amapa.
11Ɛma me, wo somfo, adwene.
Manya di a midi so no ho akatua.
12Obiara ntumi nhu nʼankasa mfomso;
Awurade, yi me fi me mfomso a ahintaw no mu!
13Bɔ me ho ban fi ɔboayɛ mu, na mma ho kwan mma ennni me so.
Ɛba saa a, mɛyɛ pɛ na made me ho wɔ bɔneyɛ nnadaa mu.
14Me nsɛm ne mʼadwene nyɛ nea wopɛ,
O Awurade; me guankɔbea ne me gyefo.
Copyright information for TwiNAK