Psalms 2

Ɔhene a Onyankopɔn ayi no

1Adɛn nti na amanaman hyehyɛ adɔnyɛ ho?
Adɛn nti na nnipa bɔ pɔw a ɛho nhia?
2Wɔn ahemfo asɔre, wɔn sodifo ka bom bɔ pɔw tia Awurade ne ɔhene a wɔayi no no.
3Wɔka se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi wɔn mmara ne wɔn tumi ase.”
4Nanso Awurade te nʼahengua so serew, di wɔn nhyehyɛe hunu no ho fɛw.
5Ɔbɔ wɔn kɔkɔ abufuw so, yi wɔn hu abufuhyew mu.
6Ɔka se, “Masi me hene wɔ Sion bepɔw kronkron no so.”
7Nea wasi no hene no bua se, “Mɛka asɛm a Awurade apae mu aka no.
Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Woyɛ me babarima; ɛnnɛ mayɛ wʼagya.
8Bisa me na mede wiase aman nyinaa bɛhyɛ wo nsa; asase nyinaa bɛyɛ wo dea.
9Wode dade poma bedi wɔn so, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nhina.’ ”
10Mo ahene, muntie saa kɔkɔbɔ yi.
Mo a mudi aman so wɔ wiase, munsua sɛ:
11Mobɛsom Awurade osuro mu.
12Momma mo ho mpopo na monkotow no.
Sɛ anyɛ saa a, ne bo befuw na moawu prɛko pɛ.
Nhyira nka wɔn a woguan kɔtoa no.
Copyright information for TwiNAK