Psalms 32

Bɔne fafiri

1Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn bɔne firi wɔn, na wogyaa wɔn bɔne mu ma ɛka.
2Nhyira nka nea Awurade nka se wayɛ bɔne bi na ɔde ne ho wɔ nnaadaa nyinaa mu.
3Bere a manka me bɔne no, ɛma mebrɛe me su mu da no nyinaa.
Wotwee mʼaso awia ne anadwo,
Awurade; mʼahoɔden so tewee koraa sɛ nea ɔhyew ka fonwini a owia ahye no.
4Awia ne anadwo, wotwee mʼaso,
Awurade; mʼahoɔden sae koraa te sɛ fonwini a owia ahye no.
5Afei mekaa me bɔne kyerɛɛ wo.
Mamfa bɔne a mayɛ ansie.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛka akyerɛ wo, na wode ne nyinaa kyɛɛ me.
6Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wodi wo nokware no su frɛ wo ahohia mu.
Sɛ ɔhaw ntoatoaso ba wɔn ba a, ɛrenka wɔn.
7Wone me guankɔbea; wubegye me afi ɔhaw mu.
Meto wo nkwagye ho dwom dennen efisɛ, wobɔ me ho ban.
8 Awurade se, “Mɛkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so; metu wo fo.
9Monnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a wonnim hwee nti, wɔnam nnareka ne hama so kyerɛ no kwan ma ɔbrɛ ne ho ase no.”
10Ɔdebɔneyɛfo behu amane, nanso wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no benya ogye afi ne daa dɔ mu.
11Mo a moyɛ atreneefo no, momma mo ani nnye na munni ahurusi wɔ nea Awurade ayɛ no ho.
Mo a mutie no, monteɛm nni ahurusi!
Copyright information for TwiNAK