Psalms 6

Ɔhaw mu mpaebɔ

1 Awurade, ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.
2O Awurade, mabrɛ; hu me mmɔbɔ.
Ma me ahoɔden; mʼahoɔden nyinaa asa.
3Na me nipadua nyinaa wɔ ɔhaw mu.
O Awurade, mentwɛn nkosi da bɛn ansa na woaboa me?
4Bra na begye me nkwa,
Awurade; wʼahummɔbɔ mu, yi me fi owu mu.
5Obi nkae wo wɔ asaman; hena na wofi asaman bɛba abɛkamfo wo?
6Awerɛhow ama mayɛ mmerɛw.
Daa anadwo me nusu fɔw me kɛtɛ ma me sumii nso fɔw.
7Mʼani so yɛ me kusuu.
Osu a mʼatamfo ama masu nti, mʼani akyi ayɛ duru.
8Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!
Awurade tie me su.
9Otie me su, boa me, na obetie me mpaebɔ nso.
10Mʼatamfo anim begu ase wɔ wɔn nkogu mu, na wɔapam wɔn wɔ basabasayɛ mu.
Copyright information for TwiNAK