Psalms 69

Osufrɛ

1Gye me nkwa,
O Onyankopɔn!
Nsu no deda me kɔn mu.
2Meremem wɔ atɛkyɛ mu, na asase a ɛso wo nni baabi.
Madu subunu mu na asorɔkye no pɛ sɛ ɛfa me.
3Mafrɛ mabrɛ.
Me menem ayow.
Mʼani yɛ me yaw efisɛ, magyen no ara repɛ wo mmoa.
4Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me tiri so nhwi.
Mʼatamfo twa atoro to me so; wɔyɛ den na wɔrepɛ akum me.
Wɔma medan nneɛma a manwia mema.
5O Onyankopɔn, me bɔne so nkata wɔ wʼanim.
Wunim kwasea a mayɛ.
6Mma mennsoa aniwu mmmrɛ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so.
Otumfoɔ Awurade no so!
Mma memmfa aniwu mmɛto wɔn a wɔsom wo so,
O Israel Nyankopɔn!
7Wo nti na wɔkasa tia me, nti aniwu akata me so.
8Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu.
Mete sɛ ɔmanfrani wɔ mʼabusua mu.
9Me ho a mede ama wo fi no hyehye me mu te sɛ ogya.
Kasatia a wɔkasa tia wo no ka me.
10Menam akɔnkyen so brɛ me ho ase, na nnipa kasa tia me.
11Mifura ayiasetam, na wɔserew me.
12Wɔka me ho nsɛm wɔ mmorɔn so; akɔwensafo de me too nnwom.
13Nanso me de, mɛbɔ wo mpae,
Awurade; gye me so, Onyankopɔn, wɔ bere a wopɛ mu.
Wo dɔ kɛse nti, gye me so efisɛ, woahyɛ bɔ sɛ wubegye me nkwa.
14Mma memmmem wɔ atɛkyɛ mu.
Gye me fi mʼatamfo nsam, na gye me fi nsu a emu dɔ mu.
15Mma nsu nnyiri mmfa me.
Mma memmmem wɔ bunu anaa damoa mu.
16Gye me so,
Awurade, wɔ wo dɔ pa a wode dɔ me daa no mu.
Wʼahummɔbɔ mu, dan wʼani hwɛ me!
17Mfa wo ho nhintaw wo somfo; mewɔ ɔhaw mu na gye me so mprempren!
18Bra me nkyɛn na begye me.
Gye me fi mʼatamfo nsam.
19Wunim sɛnea wɔkasa tia me ne sɛnea wogu mʼanim ase sɛe mʼanuonyam.
Wuhu mʼatamfo nyinaa.
20Kasatia hyɛ me koma so ama mʼanidaso asa.
Na minim sɛ obi bɛma me due, nanso mannya obi.
Mepɛɛ awerɛkyekye nanso mannya bi.
21Ɔkɔm dee me no, wɔmaa me awuduru.
Osukɔm dee me no, wɔmaa me nsanyinyanyinya.
22Wɔn apontow mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu.
Ma wɔn adidi a wɔatew ho no mmɔ wɔn fam.
23Ma wɔn ani mfurafura.
Na ma wɔn akyi nyɛ mmerɛw.
24Fa wʼabufuw kɔ wɔn so, na ma wʼabufuw mmene wɔn.
25Ma wɔn atenae nyɛ amamfo.
Mma obiara ntena nkwa mu wɔ wɔn ntamadan mu.
26Wɔtaa wɔn a woatwe wɔn aso.
Wɔka wɔn a woapira wɔn no amanehunu ho asɛm.
27Kyerɛw wɔn bɔne a wɔayɛ gu hɔ.
Mma wɔnnkɔka wo nkwagyedwuma no ho.
28Popa wɔn din fi ateasefo nhoma no mu.
Mfa wɔn din nka wo nkurɔfo de ho.
29Nanso mewɔ yaw mu, na mʼanidaso asa.
Ma me so,
O Onyankopɔn, na gye me nkwa!
30Mɛto dwom akamfo Onyankopɔn; mɛda no ase de ada ne kɛseyɛ adi.
31Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye sen nantwi afɔrebɔ; ɛsen nantwinini a wanyin afɔrebɔ.
32Sɛ mmɔborɔni hu eyi a, nʼani begye.
Na wɔn a wɔsom Onyankopɔn benya nkuranhyɛ.
33 Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ne werɛ mfi ne nkurɔfo a wɔyɛ nneduafo.
34Monkamfo Onyankopɔn,
O ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
35Obegye Yerusalem, na wasan akyekye Yuda nkurow.
Ne nkurɔfo bɛtena hɔ na wɔafa asase no.
36Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔpɛ nʼasɛm no atena hɔ.
Copyright information for TwiNAK