Revelation of John 16

1Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Kɔ na kohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason mu no gu asase so.”

2Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa no mu guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.

3Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no mu guu ɛpo mu. Nsu no danee te sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.

4Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no mu guu nsuti mu maa ne nyinaa danee mogya. 5Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no ka se, “O Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw, wʼatɛn a wubui no yɛ atɛntrenee. 6Wohwiee Onyankopɔn nkurɔfo ne adiyifo mogya gui, enti woama wɔn mogya sɛ wɔnnom. Nea ɛfata wɔn na wɔrenya no.”

7Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, “Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn! Atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”

8Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no mu guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa ne hyew yawyaw no nhye nnipa. 9Ɔhyew yawyaw no hyee nnipa ma wɔdomee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔannu wɔn ho ankamfo ne kɛseyɛ.

10Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no mu de guu aboa no ahengua no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na esiane yaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma, 11na esiane saa yaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

12Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no mu guu asubɔnten Eufrate mu. Asu no yoyowee na ɛdan ɔkwan maa ahene a wofi apuei. 13Afei mihuu ahohommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro odiyifo no anom. 14Wɔyɛ ahohommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahohom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Nyankopɔn ɔko da kɛse no.

15“Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so sɛnea ɔrennantew adagyaw, ngu ne ho anim ase wɔ baguam!”

16Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Harmagedon.

17Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no kae se, “Wɔawie.” 18Na anyinam tetew maa aprannaa paepaee, ɛnna asasewosow dennen bi bae. Efi sɛ wɔbɔɔ onipa, asasewosow biara maa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. 19Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilon kɛse no ma ɔnom nsa, nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no, fi ne kuruwa ano. 20Nsupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21Amparuwbo a biara mu duru yɛ nkaribo ɔha no tɔ fi soro guu nnipa so. Na esiane amparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.

Copyright information for TwiNAK