Revelation of John 2

Efeso asafo no nhoma

1“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se:

“Eyi ne nsɛm a efi obi a okita nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a, ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no.
2Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho asomafo nanso wɔnyɛ bi no ahwɛ na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. 3Wowɔ boasetɔ na me nti, woahu amane bebree, nanso wompaa abaw.

4“Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛnea kan no na wodɔ me no. 5Hu ba a woaba fam no. Tew wo ho fi bɔne ho na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfi wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibere.

6“Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.

7“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwa dua no a ɛwɔ Onyankopɔn turo no mu no aba no.

Smirna asafo no nhoma

8“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna asafo no ano se:

“Saa asɛm yi fi obi a odi kan ne nea otwa to nkyɛn. Ɔno na owui na onyanee no.

9“Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ soro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam ampamfo. 10Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi dadu. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.

11“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.”

Pergamo asafo no nhoma

12“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se:

“Saa krataa yi fi obi a ɔwɔ nkrante anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
13Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.

14“Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.

16“Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn mede sekan a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.

17“Sɛ mowɔ aso a, muntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo horow no.

“Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.”

Tiatira asafo no nhoma

18“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se:

“Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowa no nkyɛn.

19“Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.

20“Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomfo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom nnuan. 21Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu. 22Ɛno nti, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. Sɛ wɔansesa amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛyɛ saa mprempren ara. 23Afei, mekum nʼakyidifo no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.

24“Nanso mo a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo se, meremfa adesoa biara nto mo so. 25Na munso nea mowɔ no mu dennen kosi sɛ mɛba.

26“Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28Afei mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.

29“Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no.”

Copyright information for TwiNAK